Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Amos 9
Wɔbɛsɛe Israel
Mehunuu Awurade sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ,
“Bɔ Asɔredan no afadum no atifi
na mma ne fapem no nwoso.
Mommubu ngu nnipa no nyinaa so;
wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn.
Ɔbaako mpo rentumi nnwane
obiara remfiri mu mfi.
Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a
ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba.
Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a
ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam.
Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a,
ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba.
Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a
ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.
Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a,
ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn.
“Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn.
Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
Awurade, Asafo Awurade,
Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane,
ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo.
Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil
na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.
Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro
na ɔto ne fapem wɔ asase so.
Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano
na ɔhwie gu asase so.
Awurade ne ne din!
“Mo Israelfoɔ,
mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?”
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim,
ne Filistifoɔ amfiri Kreta,
ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa?
“Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani
wɔ nnebɔne ahennie no so.
Mɛpepa no afiri asase ani,
nanso, merensɛe Yakob efie korakora,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Na mɛhyɛ,
na mɛwoso Israel efie,
wɔ amanaman nyinaa mu,
sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa mu
na aba fua mpo ntɔ fam no.
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa
bɛtotɔ wɔ akofena ano,
wɔn a wɔka sɛ,
‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’
Israel Nsiesieɛ
“Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi
“Dawid efie a abubu no bio.
Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no,
na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no,
na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no,
ne amanaman a me din da wɔn so.”
Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.
“Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no,
na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no.
Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so
na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so.
Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba.
“Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu.
Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã;
wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba.
Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so
a wɔrentu bio da
mfiri asase a mede ama wɔn no so,”
sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn seɛ nie.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.