Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Amos 4

Israel Nsane Nkɔɔ Onyankopɔn Nkyɛn

Montie asɛm yi, mo Basan “anantwie” a mowɔ Bepɔ Samaria so,

mo mmaa a mohyɛ ahiafoɔ so, na moka mmɔborɔwa hyɛ

na moka kyerɛ mo kununom sɛ, “Mommrɛ yɛn nsã!”

Otumfoɔ Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ,

“Ampa ara ɛberɛ no bɛba

a wɔde nkawa bɛtwe mo akɔ

mo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no.

Momu biara bɛpue akɔ,

na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu,

na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne

na monkɔ Gilgal1 na mo nkɔyɛ bɔne ara.

Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara,

na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara.

Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ;

Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho,

na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ,

na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,”

sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.

“Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu

na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so,

nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Mesane de osutɔ kamee mo

ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru.

Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so

na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so.

Afuo baako nyaa osutɔ

afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ.

Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo

nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom,

nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ

ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so.

Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua,

nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Mede ɔyaredɔm baa mo so

sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no,

mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ

ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum.

Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu,

nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Metuu mo mu bi guiɛ

sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no.

Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu.

Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie,

na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti,

siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.”

Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa

na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa,

deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum

na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no.

Asafo Awurade Onyankopɔn ne ne din.

Source notes (1)
  1. Footnote Bet-El…Gilgal: Saa nkuro mmienu yi yɛ nkuro a abakɔsɛm mu wɔde kae Awurade mmoa. Na saa nkuro yi yɛ mmeaeɛ a na wɔsom Onyankopɔn wɔ hɔ wɔ Amos berɛ so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.