Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Amos 1

Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.

Ɔkaa sɛ:

“Awurade bobom firi Sion bepɔ so

na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem;

nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye

na Karmel atifi nso kusa.”

Atemmuo A Ɛfa Amanamanmufoɔ Ahodoɔ Ho

Deɛ Awurade seɛ nie:

“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se

dwerɛɛ Gilead.

Mede ogya bɛto Hasael efie

na ahye Ben-Hadad aban no.

Mɛbubu Damasko apono,

na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no

ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no.

Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Deɛ Awurade seɛ nie:

“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo no.

Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum

na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.

Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu,

na ahye nʼaban no.

Mɛsɛe Asdod ɔhene no

ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no.

Mɛdane me nsa atia Ekron,

kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,”

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Deɛ Awurade seɛ nie:

“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Ɔfaa ɔman mu no nnommum

na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ,

a wankae onuadɔ apam.

Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu,

na ahye nʼaban.”

Deɛ Awurade seɛ nie:

“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Ɔde akofena taataa ne nua,

a wannya ayamhyehyeɛ biara.

Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ

na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano.

Mede ogya bɛto Teman mu,

na ahye Bosra aban.”

Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:

“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu

de trɛɛ nʼahyeɛ mu.

Mede ogya bɛto Raba afasuo mu

na ahye nʼaban

wɔ ɔko da mu nteateam

ne ahum da ntwaho mframa mu.

Na ne ɔhene ne mmapɔmma

bɛbom akɔ nnommumfa mu,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.