Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
2 Yohane 1
Me, Asɔre Panin,
Meretwerɛ akɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokorɛ no enti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔnim nokorɛ no nyinaa dɔ mo, ɛfiri sɛ, nokorɛ no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akɔsi daa:
Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokorɛ ne ɔdɔ mu.
Mʼani gyee sɛ mehunuu sɛ mo mma no bi te nokorɛ mu sɛdeɛ Agya no hyɛɛ yɛn no. Enti, mereka akyerɛ wo, Awuraa sɛ, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Yei nyɛ mmara foforɔ a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn firi ahyɛaseɛ. Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ, momma yɛntena ase na yɛnyɛ ɔsetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote firii ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.
Adaadaafoɔ a wɔnnnye nntom sɛ Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete ewiase. Saa adaadaafoɔ yi yɛ atorofoɔ ne Kristo atamfoɔ. Monhwɛ mo ho so yie na moanhwere deɛ moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no. Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no. Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, monnnye no wɔ mo efie, na monnnye nʼani nso. Ɛfiri sɛ, obiara a ɔgye saa onipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.
Asɛnka A Ɛtwa Toɔ
Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛduro so nka. Na mmom, mɛba onipadua so abɛkasa akyerɛ mo, na mo ani agye.
Wo nuabaa a wɔayi no no mma no kyea wo.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.