Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Berɛsosɛm 15

Asa Hyehyɛ Nyamesom Foforɔ

Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so, na ɔpue kɔhyiaa ɔhene Asa a ɔfiri akono reba no. Ɔteaam guu Asa so sɛ, “Tie me, Asa, Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa montie. Mmerɛ dodoɔ a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Ɛberɛ biara a mobɛhwehwɛ noɔ no, mobɛhunu no. Nanso sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo. Teteete no, na Israel nni nokorɛ Onyankopɔn, na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wɔnni Onyankopɔn mmara nso. Nanso, ɛberɛ biara a mobɛkɔ ahohiahia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Onyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, mohunu no. Saa esum berɛ no mu, na akwantuo yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa. Akodie baa Ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, ɛfiri sɛ Awurade maa ɔhaw ahodoɔ bebree baa mo so. Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, monnya akokoɔduru, na mobɛnya mo adwumayɛ so akatua.”

Ɛberɛ a Asa tee saa asɛm yi firii odiyifoɔ Oded babarima Asaria nkyɛn no, ɔnyaa akokoɔduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkuro a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔ nsase so no. Ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na ɛsi Awurade Asɔredan ntwonoo anim no.

Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wɔfiri Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa berɛ so, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Awurade ne Onyankopɔn ka ne ho.

Ɛrekɔ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa awieeɛ no mu a na Asa adi adeɛ mfeɛ dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Saa ɛda no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔdeɛ. Na mmoa no dodoɔ yɛ anantwie ahanson a nnwan ne mpɔnkye nso dodoɔ yɛ mpem nson. Afei, wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn. Wɔpenee so sɛ, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no, wɔbɛkum no, sɛ ɔnnyiniiɛ anaa wanyini, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa. Wɔhyɛnee ntotorobɛnto ne mmɛn dendeenden, de dii Awurade nokorɛdie ntam no ho adanseɛ. Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu na ɛyɛeɛ. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wɔhunuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegyeɛ firii wɔn atamfoɔ a wɔwɔ afanan nyinaa nsam.

Mpo ɔhene Asa tuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, ɔsii Asera afɔrebukyia a ɛyɛ atantanneɛ. Ɔtwaa dua no, bubuu mu, hyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu. Ɛwom sɛ wɔantutu abosonsom asɔreeɛ no nyinaa amfiri Israel deɛ, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwa nna nyinaa. Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahodoɔ a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu.

Enti, ɔko ansi bio kɔsii Asa adedie afe a ɛtɔ so aduasa enum no so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.