Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
1 Berɛsosɛm 1
Ɛfiri Adam So Kɔsi Noa Mma So
Adam asefoɔ yɛ Set, Enos,
Kenan, Mahalalel, Yared,
Henok, Metusela, Lamek,
Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.
Yafet Asefoɔ
Na Yafet asefoɔ ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
Na Gomer asefoɔ ne Askenas, Rifat ne Togarma.
Na Yawan asefoɔ ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
Ham Asefoɔ
Na Ham asefoɔ ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
Na Kus asefoɔ ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ yɛ Saba ne Dedan. Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.
Misraim yɛ tete agya ma
Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ, Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔn ase na Filistifoɔ firi.
Na Kanaan abakan din de
Sidon a na ɔyɛ Sidonfoɔ tete agya. Na Kanaan nso yɛ Hetifoɔ, Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ, Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ tete agya.
Sem Asefoɔ
Na Sem asefoɔ yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.
Aram asefoɔ ne Us, Hul, Geter ne Mas.
Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber. Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, Hadoram, Usal, Dikla, Obal, Abimael, Seba, Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa yɛ Yoktan asefoɔ.
Ɛno enti, yei ne abusuadua a ɛfiri Sem: Arfaksad, Sela, Eber, Peleg, Reu, Serug, Nahor, Tera, ne Abram a akyire yi, wɔfrɛɛ no Abraham no.
Abraham Asefoɔ
Abraham mmammarima yɛ Isak ne Ismael.
Na Ismael mmammarima nso ne
Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam, Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.
Yeinom ne Ismael mmammarima.
Na Abraham mpena Ketura mmammarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.
Na Yoksan asefoɔ yɛ Seba ne Dedan.
Na Midian mmammarima ne Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.
Yeinom nyinaa yɛ Abraham ne ne mpena Ketura mmammarima.
Isak Asefoɔ
Abraham woo Isak. Isak mmammarima yɛ Esau ne Israel.1
Esau Asefoɔ
Na Esau mmammarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.
Na Elifas mmammarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.
Na Reuel mmammarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.
Edomfoɔ Abɔseɛ
Na Seir mmammarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.
Na Lotan mmammarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa din de Timna.
Na Sobal mmammarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.
Sibeon mmammarima yɛ Aya ne Ana.
Na Ana babarima yɛ Dison.
Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
Na Eser mmammarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan.
Na Disan mmammarima yɛ Us ne Aran.
Edom Sodifoɔ
Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo:
Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii ɔhene.
Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.
Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.
Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.
Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii ɔhene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana. Na Hadad nso wuiɛ.
Na Edom mmusua no ntuanofoɔ ne
Timna, Alwa, Yetet, Oholibama, Ela, Pinon, Kenas, Teman, Mibsar, Magdiel ne Iram.
Yeinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofoɔ.
Source notes (1)
- Footnote Israel: Yei ne edin a Onyankopɔn de too Yakob
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.