Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Sakaria 9

Atemmu A Etia Israel Atamfo

Nkɔmhyɛ:

Awurade asɛm tia Hadrak asase

na ɛbɛka Damasko

efisɛ, nnipa ne Israel mmusuakuw nyinaa

ani wɔ Awurade so.

Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hye,

ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ anyansafo.

Tiro asi abandennen ama ne ho;

waboa dwetɛ ano te sɛ mfutuma,

ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔte a ɛwɔ mmɔnten so.

Nanso Awurade begye nʼahode nyinaa

na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so,

na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee.

Askelon behu na wasuro

Gasa de ɔyaw bebubu ne mu,

na Ekron nso saa ara, efisɛ nʼanidaso bɛsa.

Gasa bɛhwere ne hene

na wobegyaw Askelon ofituw.1

Ananafo bɛtena Asdod,

na metwa Filistifo ahantan agu.

Meyi mogya2 afi wɔn ano,

akyiwade nnuan nso meyi afi wɔn ano.

Nkae no bɛyɛ yɛn Nyankopɔn de;

wɔbɛyɛ Yuda ntuanofo,

na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifo.

Nanso mɛbɔ me Fi ho ban

wɔ wɔn a wɔtetɛw bɔ korɔn ho.

Ɔhyɛsoni biara ntumi mfa me nkurɔfo so bio,

efisɛ afei merewɛn.

Sion Hene Ba

Di ahurusi, Ɔbabea Sion!

Teɛ mu, Ɔbabea Yerusalem!

Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn.

Ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye,

odwo, na ɔte afurum so,

afurum ba so na ɔte.

Megye nteaseɛnam afi Efraim

ne akofo apɔnkɔ afi Yerusalem,

na akodi tadua no wobebubu mu.

Ɔbɛpae mu aka asomdwoe nsɛm akyerɛ aman no.

Nʼahenni befi po akɔka po;

ebefi Asubɔnten no akɔpem nsase ano.

Na wo de, esiane me ne wo mogya apam no nti,

meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu.

Monsan nkɔ mʼaban mu, nneduafo a mowɔ anidaso;

mprempren mpo merebɔ mo nkae sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.

Mɛkom Yuda sɛnea mikuntun me tadua

na mede Efraim bɛhyɛ mu.

Mɛkanyan wo mmabarima, Sion,

atia wo Hela mmabarima,

na mɛyɛ wo sɛ ɔkofo afoa.

Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔ wɔn so;

nʼagyan betwa yerɛw te sɛ anyinam.

Otumfo Awurade bɛhyɛn torobɛnto no;

ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔe fam ahum mu,

Asafo Awurade bɛkata wɔn so.

Wɔde ahwimmo bɛsɛe

na wɔde adi nkonim.

Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛnea wɔanom nsa;

wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a

wɔde pete afɔremuka ntwea so.

Awurade wɔn Nyankopɔn, begye wɔn saa da no

sɛ oguanhwɛfo gye ne nguan.

Wobetwa yerɛw yerɛw wɔ nʼasase so,

sɛ abohemaa a ɛbobɔ ahenkyɛw ho.

Sɛnea wɔn ho betwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa!

Aduan bɛma mmerante anyin ahoɔden so

na nsa foforo bɛma mmabaa anyin saa ara.

Source notes (2)
  1. Footnote Askelon…Gasa…Ekron: Filistifo nkuropɔn abiɛsa. Nʼanidaso bɛsa: Esiane sɛ Ekron da Filistiman atifi pɛɛ nti, ɛno na ebedi kan ahu amane. Nʼanidaso sɛ Tiro begyina mu ama no ɔhaw anaa abɛbrɛsɛ bi mu no renkosi hwee so.
  2. Footnote Mogya—Egyina hɔ ma abosom afɔrebɔ. Akyiwade nnuan—Nnapɔnna nnuan a ho ntew. Yebusifo—Nnipa bi a wɔtenaa Yerusalem tete bere mu a wɔbɛfraa Yudafo mu. ( 2 Sam 24.16-24 ).

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.