Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Sakaria 3

Ɔsɔfopanyin Ntade A Ani Tew

Afei ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanyin Yosua1 a ogyina Awurade bɔfo anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no sobo. Na Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a wafa Yerusalem no, nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu ana?”

Na Yosua hyɛ ntadefi, bere a ogyina ɔbɔfo no anim. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina nʼanim no se, “Munnyi ne ho ntadefi no.”

Afei ɔka kyerɛɛ Yosua se, “Hwɛ, mayi wo bɔne afi wo so, na mede ntade a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.”

Afei mekae se, “Momfa abotiri a ani tew mmɔ ne ti.” Enti wɔde abotiri a ani tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atade, bere a Awurade bɔfo no gyina hɔ.

Na Awurade bɔfo de saa akwankyerɛ yi maa Yosua: “Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Sɛ wobɛyɛ osetie ama me na woayɛ mʼapɛde a, ɛno de, wubedi me fi so na woahwɛ mʼabangua so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wogyinagyina ha yi mu.

“‘Tie, Ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo nkurɔfo a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wogyina hɔ ma nneɛma a ɛrebesisi: Mede me somfo, Dubaa no bɛba. Hwɛ, ɔbo a mede asi Yosua anim! Ani ason na etuatua saa ɔbo baako no ho, na mikurukyerɛw biribi wɔ so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni, ‘na mede da koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.

“‘Saa da no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngodua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.”

Source notes (1)
  1. Footnote Yosua: Onipa koro yi ara na wɔbɔ ne din Yesua wɔ Hebri kasa mu wɔ Ɛsra ne Nehemia nhoma mu. Ɛha no, din no gyina hɔ ma nnebɔneyɛfoman Israel (nky. 8-9).

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.