Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Nnwom Mu Dwom 6

Nnamfonom:

Ɛhe na wo dɔfo no kɔ

mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?

Ɛhe na wo dɔfo man fae,

na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?

Ababaa:

Me dɔfo kɔ ne turo mu,

faako a woduadua nnua ahorow,

okokyinkyin turo no mu

akɔboaboa sukooko ano.

Me dɔfo yɛ me de, na me nso meyɛ ne de;

okyinkyin sukooko no mu.

Aberante:

Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,1

wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem,

wusi pi te sɛ asraafo a wɔretu frankaa.

Nhwɛ me saa;

wobunkam me so.

Wo ti nwi te sɛ mpapokuw a

wɔresian afi Gilead.

Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo,

a wofi aguaree.

Baako mpo nyeraa ɛ.

Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu

te sɛ ntunkum aduaba fa.

Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia,

mpenanom bɛyɛ aduɔwɔtwe,

ne mmabaa dodow a wontumi nkan wɔn;

nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm yɛ sononko;

ɔno nko ara ne ne na babea,

ɔno na nea ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.

Mmabaa huu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;

ahemmea ne mpenanom kamfoo no.

Nnamfonom:

Hena na wapue sɛ ahemadakye yi,

ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ ɔsram, na ɔhyerɛn sɛ owia,

nʼanuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.

Aberante:

Misian kɔɔ nnuaba pɔw mu hɔ

sɛ merekɔhwehwɛ afifide foforo a ɛwɔ obon no mu,

sɛ bobe no agu nhwiren,

anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.

Mʼani baa me ho so no

na mʼadwene de me abesi me nkurɔfo adehye nteaseɛnam so.

Nnamfonom:

San wʼakyi, san wʼakyi, Sulamit babea;

San bra, san bra ma yɛnhwɛ wo!

Aberante:

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abeawa

sɛnea mohwɛ Mahanaim asaw no?

Source notes (1)
  1. Footnote Tirsa yɛ Kanaan tete kurow bi a Yeroboam de yɛɛ nʼahenkurow wɔ afe 930 AWK (ansa na wɔrewo Kristo) kosi afe 909 AWK wɔ atifi fam ahemman mu.

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.