Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Adiyisɛm 5

Nsɔwano Nhoma No

Mihuu sɛ nea ɔte ahengua so no kura nhoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔakyerɛw akyi ne anim nyinaa a wɔde nsɔwano ason asosɔw ano. Mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse kae se, “Hena na ɔfata sɛ ɔtew nsɔwano no na obue nhoma no mu?” Nanso wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a otumi buee nhoma no mu hwɛɛ mu. Misui yiye, efisɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔhwɛ mu. Afei ɔpanyin baako ka kyerɛɛ me se, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ofi Yuda abusuakuw mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na obetumi atetew nsɔwano ason no na wabue nhoma no mu.”

Afei mihuu Oguamma bi sɛ ogyina ahengua no mfimfini a ateasefo baanan no ne mpanyimfo no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na Oguamma no sɛ nea wɔakum no. Na ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason no a wɔasoma wɔn aba wiase no. Oguamma no kogyee nhoma no fii nea ɔte ahengua so no nsa nifa mu. Ɔyɛɛ saa no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no butubutuw Oguamma no anim. Na wɔn mu biara kura sanku ne sika ayowa a aduhuam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefo mpae. Wɔtoo dwom foforo se,

“Wofata sɛ wofa nhoma no

na wotew ne nsɔwano no.

Efisɛ wokum wo,

na ɛnam wo wu so ma wɔtɔɔ nnipa fii aman ne

mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.

Wɔayɛ wɔn asɔfo ahemman sɛ wɔnsom yɛn Nyankopɔn

na wobedi asase so hene.”

Bio mehwɛe, na metee abɔfo mpempem nka. Na wɔatwa ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no ho ahyia reto dwom dennen se,

“Oguamma a wokum no no fata sɛ

ogye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden

ne nidi ne anuonyam ne nkamfo!”

Na metee sɛ abɔde a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔde biara a ɛwɔ po mu ne abɔde biara a ɛwɔ wiase nyinaa reto dwom se,

“Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi,

nka nea ɔte ahengua no so ne Oguamma no,

daa daa!”

Abɔde anan no gyee so se, “Amen!” Na mpanyimfo no butubutuw hɔ somee.

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.