Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 90

NHOMA A ƐTO SO ANAN

Nnwom 90–106

Onyankopɔn nipa Mose mpaebɔ.

Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea

awo ntoatoaso nyinaa mu.

Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔw

anaasɛ worebɛda asase ne wiase adi no,

na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.

Woma adesamma san dan mfutuma,

ka se, “Mo adesamma, monsan nkɔ mfutuma mu.”

Mfirihyia apem yɛ wʼani so sɛ

da koro a abɛsen mprempren,

anaasɛ anadwo mu dɔnhwerew kakraa bi.

Wopra nnipa kɔ, wɔ owu nna mu;

wɔte sɛ sare a afefɛw anɔpa,

ɛfefɛw yɛ frɔmfrɔm anɔpa de,

nanso anwummere ɛwo na etwintwam.

Yɛresa wɔ wʼabufuw ano

na wʼanibere abɔ yɛn hu.

Wode yɛn amumɔyɛ asi wʼanim,

na yɛn kokoa mu bɔne da wʼanim hann no mu.

Yɛn nna nyinaa twa mu wɔ wʼabufuwhyew mu;

na yɛde awerɛhowdi na ewie yɛn mfe.

Yɛn nkwa nna si mfe aduɔson,

anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;

na mu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow,

na etwa mu ntɛmntɛm, na yetu kɔ.

Sɛ anka yebehu sɛ wʼabufuw mu tumi te ɛ!

Wʼabufuwhyew kɛse te sɛnea wo ho suro te.

Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte,

na yɛanya nyansa koma.

Tɔ wo bo ase, Awurade, enkosi da bɛn?

Hu wʼasomfo mmɔbɔ.

Ma wʼadɔe a ɛnsa da no mmee yɛn adekyee mu,

na yɛde anigye ato dwom adi ahurusi yɛn nna nyinaa mu.

Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodow a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no,

sɛ mfirihyia dodow a yehuu ateetee no.

Ma wʼasomfo nhu wo nneyɛe

na wɔn mma nhu wʼanuonyam.

Ma Awurade yɛn Nyankopɔn adom no ntena yɛn so;

na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye mma yɛn;

yiw, ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.