Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 76
Asaf dwom.
Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda;
ne din so wɔ Israel.
Ne ntamadan si Salem,
ne tenabea wɔ Sion.
Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya,
nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu.
Wo ho hann no hyerɛn,
na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no.
Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma,
wɔadeda awufo nna;
na akofo no mu baako mpo
ntumi mma ne nsa so.
Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no
apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.
Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo.
Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim?
Wubuu atɛn fii ɔsoro,
asase suroe, na ɛyɛɛ komm,
bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn,
de gyee amanehunufo wɔ asase no so no.
Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo,
na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.
Monhyɛ Awurade mo Nyankopɔn no bɔ na munni so;
momma nsase a atwa ne ho ahyia
mfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no.
Ɔbrɛ sodifonom honhom ase;
na asase so ahemfo suro no.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde ma Yedutun.
Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.