Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 48
Koramma dwom.
Awurade yɛ ɔkɛse na ɔsɛ nkamfo,
wɔ yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔw kronkron so.
Ne sorokɔ ma ɛyɛ fɛ,
ɛyɛ wiase nyinaa anigyede.
Bepɔw Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea,
Ɔhenkɛse no kuropɔn.
Onyankopɔn te nʼabankɛse mu
wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼabandennen.
Bere a ahemfo yi boaa wɔn ho ano,
na wotuu ɔsa bɔɔ mu no,
wohuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw,
na wɔde ehu guanee.
Wɔbɔɔ huboa wɔ hɔ,
ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a awo aka no.
Wosɛe wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a
apuei mframa abɔ adwira wɔn.
Sɛnea yɛate no,
saa ara na yɛahu
wɔ Asafo Awurade kuropɔn no mu,
yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu;
Onyankopɔn ma etim hɔ afebɔɔ.
Wʼasɔredan no mu; Ao, Onyankopɔn,
na yɛdwene wo dɔ a enni huammɔ da no ho,
Ao, Onyankopɔn, wʼayeyi du asase ano
te sɛ wo din te;
trenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.
Sion bepɔw di ahurusi,
Yuda nkuraase no ani gye
esiane wʼatemmu no nti.
Nantew Sion na twa ho hyia,
kan nʼabantenten dodow,
dwene nʼafasu ho yiye,
hwɛ nʼabankɛse no,
na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa;
ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo akosi awiei mpo.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.