Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 16:11
Verse 11 is marked below, with the whole chapter around it. Read from the start
Dawid mpaebɔ.
Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn,
na wo mu na minya guankɔbea.
Meka kyerɛɛ Awurade se,
“MʼAwurade ne wo;
minni ade pa biara ka wo ho.”
Ahotefo a wɔwɔ asase no so de,
wɔne anuonyamfo a
mʼanigye wɔ wɔn mu.
Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no,
wɔn awerɛhow bɛdɔɔso.
Merengu mogya nsa mma saa anyame no
na meremfa mʼano mmɔ wɔn din.
Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;
woama me kyɛfa anya bammɔ.
Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me;
ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye.
Mɛkamfo Awurade a otu me fo;
na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me.
Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.
Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi;
me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu,
efisɛ, worennyaw me awufo mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.
Woakyerɛ me nkwagye kwan,
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,
na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.
Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.