Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 136
Monna Awurade ase na oye.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Monna anyame mu Nyankopɔn no ase.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Monna awuranom mu Awurade no ase.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade akɛse.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔno na ofi ne ntease mu bɔɔ ɔsoro.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔno na ɔtrɛw asase mu de kataa nsu so.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔno na ɔbɔɔ akanea akɛse no.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔbɔɔ owia sɛ enni adekyee so.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa;
Ɔbɔɔ sram ne nsoromma sɛ wonni adesae so no.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔno na okunkum Misraimfo mmakan,
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
na oyii Israelfo fii wɔn mu no.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔde nsa kɛse ne basa a wateɛ mu.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔno na ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu no,
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
na ɔde Israelfo faa mfimfini no.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Nanso ɔpraa Farao ne nʼasraafo guu Po Kɔkɔɔ mu no.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔno na odii ne nkurɔfo anim wɔ sare no so.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔno na okum ahemfo akɛse no,
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
na okum ahemfo akunini no.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Okum Amorifo hene, Sihon,
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
ne Basanhene, Og.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔde maa ne somfo Israel sɛ agyapade.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛwyɛ mu.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Ɔno na ɔma abɔde biara aduan.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.