Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Mika 6

Awurade Sobo A Ɔbɔ Israel

Muntie asɛm a Awurade reka:

“Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔw no anim;

momma nkoko nte nea mowɔ ka.

“Na afei, mmepɔw, muntie Awurade sobo;

tie, asase nnyinaso a ɛwɔ hɔ daa.

Na Awurade wɔ asɛm a etia ne nkurɔfo;

ɔrebɔ Israel sobo.

“Me nkurɔfo, dɛn na mayɛ mo?

Mede adesoa bi asoa mo? Mummua me!

Miyii mo fii Misraim

migyee mo fii nkoasom asase so.

Mesomaa Mose bedii mo anim,

Aaron ne Miriam nso.

Me nkurɔfo, monkae

afotu a Moabhene Balak mae

ne mmuae a Beor babarima Balaam mae.

Monkae mo kwan a mutu fii Sitim kɔɔ Gilgal,

na munhu Awurade akwantrenee.”

Dɛn na memfa mmra Awurade anim

mmɛkotow ɔsorosoro Onyankopɔn no?

Memfa nantwimma a wadi afe

mmɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ nʼanim ana?

Awurade ani bɛsɔ adwennini mpempem

ne ngodua mu ngo asuten mpem du ana?

Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔre,

anaa me yafunumma, me kra bɔne nti?

Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa.

Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ?

Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu,

na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.

Israel Afɔdi Ne Asotwe

Muntie! Awurade refrɛ kuropɔn no,

Wo din suro yɛ nyansahu,

“Muntie abaa no ne nea Ɔmaa no tumi no.

Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ,

ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana?

Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu,

ne asisi nkaribo

na ɔmfa ne ho nni ana?

Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm;

mo nkurɔfo no yɛ atorofo

na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

Ɛno nti, mafi ase resɛe mo,

Mo bɔne ahorow nti, mɛsɛe mo.

Mubedidi, nanso moremmee;

ɔkɔm bɛkɔ so ade mo.

Mobɛboaboa ano, nanso ɛrenkosi hwee,

efisɛ mede nea moakora no bɛma afoa.

Mubedua nanso morentwa.

Mubekyi ngodua mu ngo, nanso morensra bi,

mubetiatia bobe so, nanso morennom nsa a mubenya afi mu no bi.

Moadi Omri mmara so.

Moayɛ nea wɔyɛɛ wɔ Ahab fi.

Moasua wɔn nneyɛe no bi,

ɛno nti mɛma ɔsɛe aba mo so.

Wɔbɛserew mo nkurɔfo;

na amanaman bebu mo animtiaa.”

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.