Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Hiob 19:25

Verse 25 is marked below, with the whole chapter around it. Read from the start

Hiob Bua Bildad

Na Hiob buae se,

“Mobɛhyɛ me ɔyaw

na mode nsɛm abubu me akosi da bɛn?

Mpɛn du ni a moasopa me;

mo ani nwu sɛ motow hyɛ me so.

Sɛ ɛyɛ nokware sɛ mafom ɔkwan a,

me mfomso yɛ me nko ara asɛm.

Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so asen me

na mode mʼanimguase ayɛ adanse atia me a,

ɛno de munhu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne

na ɔde ne tan atwa me ho ahyia.

“Ɛwɔ mu, misu se, ‘Wɔafom me’ de, nanso obiara mmua me;

meteɛ mu pɛ mmoa, nanso atɛntrenee biara nni hɔ.

Wasiw me kwan enti mintumi nsen;

ɔde sum aduru mʼakwan so.

Wayi mʼanuonyam afi me so

na watu mʼahenkyɛw afi me ti so.

Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me;

watu mʼanidaso ase te sɛ dua.

Nʼabufuw huru tia me;

na wakan me afra nʼatamfo mu.

Nʼakofo ba anibere so;

wosisi mpie de tia me

na wotwa me ntamadan ho hyia.

“Wayi me nuabarimanom afi me ho;

na mʼamanifo atwe wɔn ho koraa.

Mʼabusuafo kɔ;

na me nnamfonom werɛ afi me.

Mʼahɔho ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔho;

mete sɛ ɔnanani ma wɔn.

Mefrɛ me somfo, na ommua;

mpo, metew mʼano srɛ no.

Me home bɔn me yere;

me ho afono mʼankasa nuabarimanom.

Mpo, mmarimaa nkumaa bu me animtiaa;

sɛ mipue a wodi me ho fɛw.

Me nnamfo ankasa nyinaa kyi me;

mʼadɔfo asɔre atia me.

Maka were ne nnompe,

nea mede aguan nkutoo ne me se akyi nam.

“Munhu me mmɔbɔ, me nnamfonom, munhu mmɔbɔ,

na Onyankopɔn nsa abɔ me.

Adɛn nti na motaa me sɛnea Onyankopɔn yɛ no?

Na mommfa me honam yi saa ara?

“Ao, sɛ anka wɔde me nsɛm bɛhyɛ nhoma mu,

anka wɔbɛkyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so,

anka wɔde dade pɛe bɛkyerɛw wɔ sumpii so,

anaa wobekuruakyerɛw wɔ ɔbotan so afebɔɔ!

Minim sɛ me dimafo te ase,

na awiei no ɔbɛsɔre agyina asase so.

Na wɔasɛe me were awie no,

mefi me were mu ahu Onyankopɔn.

Me ara mehu no

mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforo ani, behu no.

Sɛnea me koma ho pere wɔ me mu!

“Sɛ moka se, ‘Yɛbɛteetee no,

efisɛ ɔhaw no fi ɔno ara a,’

ɛsɛ sɛ mo ankasa musuro afoa no

na abufuw nam afoa so de asotwe bɛba,

na mubehu sɛ atemmu wɔ hɔ.”

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.