Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Yesaia 32

Trenee Ahenni

Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu

na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.

Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea

ne ahum mu guankɔbea,

ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so

ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.

Wɔn a wohu no ani renkata bio,

na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.

Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase,

wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ.

Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio

na wɔremfa nidi mma apapahwekwa.

Ɔkwasea ka nkwaseasɛm

na osusuw bɔne ho:

ɔyɛ anyame apɛde

ɔka Awurade ho nsɛm a enye;

ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan

ɔde nsu kame nea osukɔm de no.

Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ,

ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe

de atoro sɛe ohiani,

wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo.

Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyam

na nneyɛe pa no nti ɔda nsow.

Yerusalem Mmabaa

Mo mmea a mugye mo ho di,

monsɔre na muntie me;

mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔ

monyɛ aso mma nea mewɔ ka!

Afe akyi nna kakra bi no

mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo;

bobe twabere no bedi mo huammɔ,

nnuaba no twabere nso remma.

Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di

mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ!

Mompa mo ho ntama

na momfa atweaatam mmɔ mo asen.

Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ

ne bobe a ɛso no nti,

ne me nkurɔfo asase,

asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa.

Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mu

ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.

Wobegyaw aban no hɔ,

na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;

abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ,

nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea,

kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so,

na nweatam bɛdan asasebere

na asasebere ayɛ sɛ kwae.

Trenee bɛtena nweatam so

na adetreneeyɛ atena asasebere so.

Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba;

nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.

Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔ

afi a wɔabɔ ho ban

homebea a ɔhaw biara nni hɔ.

Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae no

na kuropɔn no sɛe koraa a,

wobehyira wo,

wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,

na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.