Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Yesaia 3

Yerusalem Ne Yuda Atemmu

Afei hwɛ, Awurade,

Asafo Awurade,

rebegyae nea ɔde ma

wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa:

aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa.

Dɔmmarima ne akofo,

otemmufo ne odiyifo,

nkɔmhyɛni ne ɔpanyin,

aduonum so panyin ne nea ɔwɔ dibea,

ɔfotufo, odwumfo nyansafo ne nkaberekyerefo onifirifo.

“Mede mmerantewa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanyimfo;

na mmofra adi wɔn so.”

Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so,

ɔbarima betia ɔbarima, ɔyɔnko betia ne yɔnko.

Mmabun bɛsɔre atia wɔn mpanyimfo,

apapahwekwa betia onuonyamfo.

Ɔbarima beso ne nuanom mu baako mu

wɔ nʼagya fi aka se,

“Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn dikanfo;

wɔ kurow a adan mmubui siw yi so.”

Nanso da no ɔbɛteɛ mu se,

“Minni nea mede bɛyɛ.

Minni aduan anaa ntama wɔ me fi;

mfa me nyɛ nnipa no so kannifo.”

Yerusalem retɔ ntintan,

Yuda rehwe ase;

wɔn nsɛm ne nneyɛe tia Awurade.

Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no.

Sɛnea wɔn anim te no di adanse tia wɔn;

wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;

wɔmmfa nsie.

Nnome nka wɔn!

Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.

Ka kyerɛ atreneefo se ebesi wɔn yiye,

efisɛ wobedi wɔn nneyɛe so aba.

Nnome nka amumɔyɛfo!

Amanehunu wɔ wɔn so!

Wobetua wɔn nea

wɔn nsa ayɛ no so ka.

Mmabun hyɛ me nkurɔfo so,

mmea di wɔn so.

Me nkurɔfo, mo akwankyerɛfo ma moyera;

wɔma moman fi ɔtempɔn no so.

Awurade tena ase wɔ nʼasennii.

Ɔma ne mu so bu nkurɔfo no atɛn.

Awurade bu atɛn

de tia ne nkurɔfo mpanyimfo ne akannifo se,

“Mo na moasɛe me bobeturo;

apoobɔde a efi ahiafo nkyɛn wɔ mo afi mu.

Ase ne dɛn nti na modwerɛw me nkurɔfo

na mode ahiafo anim twitwiw fam?”

Sɛnea Asafo Awurade se ni.

Awurade kasa se,

“Sion mmabea yɛ ahantan;

wɔnantew toto wɔn kɔn,

wɔdeda wɔn ani akyi,

wotutu wɔn anammɔn ntiantia,

na wɔn anan ase nkaa gyigye.

Enti Awurade bɛma tikuru abegu Sion mmea ti ho.

Awurade bɛma wɔn ti so apa.”

Da no Awurade beyiyi wɔn afɛfɛde: nkaa, ntamabamma ne kɔnmuade, asokaa, nkapo ne nkataanim, Wɔn mmotiri, anan ase ntweaban, nkyekyeremu, nnuhuam ntoa ne nkabere, nsɔwano mpɛtea ne hwenem nkaa, ntade atenten pa, nguguso tiaa a enni nsa, ntade yuu ne sika nkotoku; nhwehwɛ, sirikyi ntade, tinwi so nkaa ne mmati so nguguso.

Nkabɔne besi nea ɛyɛ huam anan mu;

ntampehama besi nkatakɔnmu anan mu;

ti a ɛso apa besi tinwi a wɔasiesie anan mu;

atweaatam besi ntama pa anan mu;

honam ani atwaatwa besi ahoɔfɛ anan mu.

Wo mmarima bɛtotɔ afoa ano,

wʼakofo wɔ ɔko mu.

Sion apon betwa adwo, adi awerɛhow;

onnibi, ɔbɛtena fam.

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.