Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Hebrifo 4:12

Verse 12 is marked below, with the whole chapter around it. Read from the start

Homebea Foforo

Afei esiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home ho no da so gyina hɔ nti, momma yɛnhwɛ yiye na mo mu bi antɔ sin wɔ mu. Efisɛ wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛnea wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, efisɛ wɔn a wotiee no no annye anni. Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa ɔhome no mu1

sɛnea Onyankopɔn aka se, “Enti mifi mʼabufuw mu ka ntam se,

‘Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da.’ ”

Ɔkaa saa asɛm yi de, nanso efi bere a ɔbɔɔ wiase no, na wawie ɔhome dwumadi no dedaw. Na Kyerɛwsɛm no mu baabi wɔ hɔ a wɔka biribi fa da a ɛto so ason no ho se, “Da a ɛto so ason no, Onyankopɔn home fii ne nnwuma nyinaa mu.” Wɔkaa saa asɛm koro yi ara bio se, “Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da.”

Wɔn a wodii kan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, efisɛ wɔannye anni. Afoforo bi nso wɔ hɔ a wama wɔn kwan sɛ wonnya ɔhome no. Enti Onyankopɔn aka se wayi da bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Nnɛ.” Mfe bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Kyerɛwsɛm no mu se,

“Nnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a

mummpirim mo koma.”

Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyiri no Onyankopɔn anka da foforo ho asɛm. Sɛnea ɛte no, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo, sɛnea Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no. Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afi nʼankasa ne nnwuma mu, sɛnea Onyankopɔn home fii ne nnwuma mu no. Enti momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛnea wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.

Onyankopɔn asɛm2 yɛ nkwa, na ahoɔden wɔ mu. Ɛyɛ nnam sen afoa anofanu. Ehwirew mu kosi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔw so ne hon mu. Ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo. Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yiye. Abɔde mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yebu ho akontaa kyerɛ.

Yesu Yɛn Sɔfopanyin

Ɛno nti, momma yenso gyidi a yɛka ho asɛm no mu den. Efisɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanyin kɛse wɔ Onyankopɔn anim. Yenni Ɔsɔfopanyin bi a ontumi nhwɛ yɛn mmerɛwyɛ ho nhu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ akwan ahorow nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne. Momma yensi yɛn bo na yɛmmra3 Onyankopɔn ahengua a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔbɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu.

Source notes (3)
  1. Footnote Sɛnea wɔrewura Kanaan akogye ɔhome a gyidi wɔ mu no, saa ara na nkwagye no nso te.
  2. Footnote Yesu na obeyii Onyankopɔn ho nokwasɛm adi (Asɛm Kronkron no. Yoh 1.1,14 )
  3. Footnote Esiane sɛ Kristo, yɛn Sɔfopanyin ahyia sɔhwɛ nti, wasiesie ne ho sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ biara a, ɔde ahummɔbɔ bɛboa yɛn. ( 2.10 )

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.