Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mose 10

Noa Awo Ntoatoaso

Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.

Yafet Asefo

Yafet asefo ni:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

Gomer asefo ni:

Askenas, Rifat ne Togarma.

Yawan asefo ni:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo wɔ nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.

Ham Asefo

Ham asefo ni:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

Kus1 asefo ni:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefo nso ne:

Saba ne Dedan.

Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so. Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokodurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no no ho. Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear2 asase so. Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu.

Na Misraim woo

Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo, Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo3 fi.

Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het. Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, Hewifo, Arkifo, Sinifo, Arwadfo, Semarifo ne Hematifo.

Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee. Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.

Eyinom ne Ham asefo a wɔn mmusuakuw, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefo

Sem a na ne nua panyin ne Yafet no nso woo mmabarima. Sem nananom ne Eber mma.

Sem asefo ni:

Elam, Asur,4 Arfaksad, Lud ne Aram.

Aram asefo ni:

Us, Hul, Geter ne Mas.

Na Arfaksad woo Sela,

na Sela woo Eber.

Eber woo mmabarima baanu.

Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.

Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, Hadoram, Usal, Dikla, Obal, Abimael, Seba, Ofir, Hawila ne Yobab.

Asase a wɔte so no trɛw fi Mesa kosi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔw so wɔ apuei fam no.

Eyinom ne Sem mmabarima, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

Eyinom ne Noa mmabarima mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi no amanaman petee asase so.

Source notes (4)
  1. Footnote Kus aman ahorow ason no nyinaa wɔ Arabia.
  2. Footnote Sinear kyerɛ tete Babilonia.
  3. Footnote Filistifo ase fi India Aborɔfo mu. Wotu fii Kraftor ( Yer 47.4; Amos 9.7 ). Mfe ɔha ne dumien mu ansa na wɔrebɛwo Kristo no (AWK) na wodii Misraim so. Wɔpam wɔn fii Misraim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Kanaan mpoano.
  4. Footnote Asur yɛ Asiria tete din.

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.