Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Ɔsɛnkafo 12

Kae wo Bɔfo

wɔ wo mmerantebere mu,

ansa na nnabɔne no aba

na mfe a wobɛka se,

“Minni mu anigye biara” no reba,

ansa na owia ne hann,

ɔsram ne nsoromma aduru sum,

na omununkum asan aba osutɔ akyi.

Bere a ofi no awɛmfo ho popo,

na mmarima ahoɔdenfo akom,

bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua nti

na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;

bere a wɔatoto abɔnten no apon mu

na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase;

bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan,

nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;

bere a nnipa suro sorokɔ

ne mmɔnten so amanenyasɛm;

bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwiren

na tɛwtɛw twe ne ho kɔ no

na nkatede ho adwudwo.

Afei onipa kɔ ne daa home mu

na agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so.

Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew,

anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ;

ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho,

anaasɛ asubura so nkyimii abubu,

na dɔte san kɔ asase a efi mu bae,

na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.

“Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose.

“Biribiara yɛ ahuhude!”

Asɛm No Awiei

Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree. Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso.

Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn. Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima.

Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛw.

Afei ne nyinaa atɔ asom;

nsɛm no awiei ni:

Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so,

na onipa asɛde nyinaa ni.

Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn,

nea wɔayɛ asie nso ka ho,

sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.