Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnwom 23
Dawid dwom.
Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.
Ɔma meda wira frɔmfrɔm adidibea mu;
ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho,
ɔdwodwo me kra.
Ɔde me fa akwantenenee so,
ne din enti.
Sɛ menam
owuo sum kabii mu mpo a,
mensuro bɔne bi,
ɛfiri sɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ;
wʼabaa ne wo poma
na ɛkyekyere me werɛ.
Woto me ɛpono wɔ
mʼatamfoɔ anim.
Wode ngo afɔ me tirim;
me kuruwa ayɛ ma abu so.
Yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi mʼakyi
me nkwa nna nyinaa;
na mɛtena Awurade fie
daa.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.