Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 121

Ɔsoroforɔ dwom.

Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no,

ɛhe na me mmoa firi bɛba?

Me mmoa firi Awurade,

ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

Ɔremma wo nan nwatiri,

deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko.

Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no

rentɔ nko na ɔrenna.

Awurade hwɛ wo so;

Awurade ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so;

Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu,

na ɔsrane nso renha wo anadwo.

Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so,

seesei ne daa.

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.