Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnwom 113
Monkamfo Awurade.
Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no,
monkamfo Awurade din.
Momma wɔnkamfo Awurade din,
seesei ne daa nyinaa.
Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ,
ma wɔnkamfo Awurade din.
Wɔama Awurade so aman nyinaa so,
nʼanimuonyam tra ɔsorosoro.
Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn,
Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro,
ɔno na ɔbɔ ne mu ase
hwɛ ɔsorosoro ne asase.
Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu
na ɔpagya onnibie firi nso sie so;
ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,
wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu.
Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie
sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ.
Monkamfo Awurade.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.