Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom Mu Dwom 2

Ababaa:

Meyɛ Saron nhwiren1

ne abon mu sukooko.

Aberante:

Sɛnea sukooko a ɛwɔ nsɔe mu te no,

saa ara na me dɔfo te wɔ mmabaa mu.

Ababaa:

Sɛnea aprɛ te wɔ kwae mu nnua mu no,

saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu.

Sɛ metena ne nwini mu a minya ahomeka

na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.

Ɔde me akɔ aponto ase,

na mʼagyiraehyɛde yɛ ɔdɔ.

Momma me bobe aba na minya ahoɔden,

momma me aprɛ na ennwudwo me,

efisɛ ɔdɔ ama matɔ beraw.

Ne nsa benkum da mʼatiko,

na ne nsa nifa aka me afam ne bo.

Yerusalem mmabea, mede atwewa

ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ:

Monnkanyan na munnyan ɔdɔ

kosi bere a ɛsɛ mu.

Tie! me dɔfo!

Hwɛ! ɔno na ɔreba no,

ɔrehuruhuruw wɔ mmepɔw no so

na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkoko no so.

Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforote.

Hwɛ! ogyina yɛn fasu akyi,

ɔhwɛ mfɛnsere no mu,

wagyen nʼani rehwɛ mfɛnsere no mu.

Me dɔfo kasa kyerɛɛ me se,

“Sɔre, me dɔfo ne mʼahoɔfɛ

na bra me nkyɛn.

Hwɛ! awɔwbere atwa mu;

na asusow atwa mu kɔ.

Nhwiren afifi asase ani:

nnwonto bere aso.

Wɔte mmorɔnoma su

wɔ yɛn asase so.

Borɔdɔma agu nhwiren;

na bobe hua agye baabiara.

Sɔre bra, me dɔfo;

mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn.”

Aberante:

Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuru mu,

ahintaw wɔ mmepɔw so,

ma minhu wʼanim;

ma mente wo nne;

wo nne yɛ dɛ,

na wʼanim yɛ fɛ.

Monkyekyere sakraman no mma yɛn,

sakraman nketewa no

a wɔsɛe bobe nturo,

yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmfrɔm no.

Ababaa:

Me dɔfo yɛ me dea, na mewɔ no;

ɔhwehwɛ sukooko no mu.

Enkosi sɛ ade bɛkyɛ

na sunsuma bɛsen akɔ no,

dan wo ho, me dɔfo,

na yɛ sɛ ɔtwewa

anaa ɔforote a

ɔwɔ nkoko mmonkyi mmonka no so.

Source notes (1)
  1. Footnote Yehu Saron nhwiren wɔ Karmel mpoano anafo fam.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.