Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 92

Dwom a wɔto no Homeda.

Eye sɛ wɔkamfo wo Awurade

na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni,

na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa

ne wo nokware anadwo,

wɔ hama du sanku so

ne sankuten nnwom mu.

Awurade, wo nneyɛe ma mʼani gye;

mede anigye to nnwom, wo nsa ano nnwuma nti.

Awurade, wo nnwuma yɛ akɛse,

na wo nyansa mu dɔ!

Agyimifo nnim

na nkwaseafo nte ase,

amumɔyɛfo benyin sɛ sare

na abɔnefo bɛyɛ frɔmfrɔm de,

nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

Na wo Awurade, wɔayɛ wo ɔkɛse afebɔɔ.

Awurade, ampa ara,

wʼatamfo bɛyera;

na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa.

Woama me ahoɔden te sɛ ɛko;

woahwie ngohuam papa agu me so.

Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi,

mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono.

Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ abedua,

wobenyin sɛ Lebanon sida;

nea wɔadua wɔ Awurade fi,

wobenyin frɔmfrɔm wɔ yɛn Nyankopɔn adiwo hɔ.

Wɔbɛkɔ so asow aba, onyinkyɛ mu mpo,

wɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono,

de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔtreneeni;

ɔyɛ me botan, na atirimɔdensɛm biara nni ne mu.”

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.