Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Nnwom 88
Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.
Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn
misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae.
Ma me mpaebɔ nnu wʼanim;
brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.
Ɔhaw ahyɛ me kra ma
na me nkwa rebɛn owu.
Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no;
mete sɛ obi a onni ahoɔden.
Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu,
te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu,
wɔn a wonkae wɔn bio,
na wonhwɛ wɔn bio.
Woatow me akyene ɔda ase tɔnn,
wɔ sum kabii mu.
Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so;
woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.
Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn
woama me ho ayɛ wɔn ahi.
Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan;
awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu.
Awurade misu frɛ wo da biara;
metrɛw me nsam kyerɛ wo.
Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana?
Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana?
Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu,
anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana?
Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum,
anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana?
Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me;
me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu.
Adɛn, Awurade, na wopo me
na wode wʼanim hintaw me?
Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu;
wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw.
Wʼabufuwhyew abu afa me so;
wʼahunahuna asɛe me.
Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri,
na wɔabu afa me so koraa.
Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ;
na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.