Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 84

Koramma dwom.

Awurade Asafo,

wʼatenae hɔ yɛ ahomeka!

Me kra pere, mpo ɛtɔ beraw,

sɛ ɔbɛkɔ Awurade adiwo;

me koma ne me honam teɛ mu

frɛ Onyankopɔn teasefo.

Mpo akasanoma anya ofi,

na asomfena nso anwen ne berebuw,

faako a obesow ne mma

wɔ beae bi a ɛbɛn wʼafɔremuka,

Awurade Asafo, me Hene ne me Nyankopɔn.

Nhyira nka wɔn a wɔte wo fi;

na wɔkamfo wo din daa.

Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,

na wɔde wɔn koma fi akwantu ase kɔhwehwɛ wo.

Sɛ wɔfa Baka Bon no mu a

wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa;

asusow bere nsu so taataa hɔ.

Wɔkɔ no ahoɔden so bere nyinaa,

kosi sɛ wɔn mu biara bepue Onyankopɔn anim wɔ Sion.

Asafo Awurade Nyankopɔn, tie me mpaebɔ;

Yakob Nyankopɔn, yɛ aso ma me.

Ao, Onyankopɔn, hwɛ yɛn nkatabo;

fa ahummɔbɔ hwɛ nea woasra no ngo no.

Wʼadiwo hɔ da koro tena

ye sen nnafua apem wɔ baabi foforo;

mepɛ sɛ mɛyɛ ɔponanohwɛfo wɔ Onyankopɔn fi

sen sɛ mɛtena amumɔyɛfo ntamadan mu.

Efisɛ Awurade Nyankopɔn yɛ owia ne kyɛm;

Awurade hu mmɔbɔ na ɔhyɛ anuonyam;

ɔmmfa ade pa biara nkame

wɔn a wɔteɛ.

Asafo Awurade,

nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.