Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 57

Dawid dwom a ɔtoo bere a oguan fii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu.

Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,

na wo mu na me kra nya guankɔbea.

Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbea

kosi sɛ amanehunu no betwa mu.

Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no;

Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.

Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa,

ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim;

Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware.

Gyata atwa me ho ahyia;

meda mmoa a wɔwe nam amono mu,

nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma

na wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam.

Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro,

na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.

Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri,

ahohiahia brɛɛ me ase.

Wotuu amoa wɔ me kwan mu,

nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.

Ao, Onyankopɔn, me koma agyina pintinn,

me koma yɛ pintinn;

mɛto dwom na mayi wo ayɛ.

Me kra nyan!

Sanku ne bɛnta, munnyan!

Me nso menyan anɔpahema.

Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu;

mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa mu.

Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro;

wo nokwaredi du wim.

Ao, Onyankopɔn, wɔmma wo so mmoro ɔsoro;

ma wʼanuonyam nkata asase nyinaa so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.