Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 24

Dawid dwom.

Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de;

wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no;

efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po so

na ɔde sii nsu ani.

Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no?

Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?

Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew,

nea ne kra nni ahoni akyi

na ɔnka ntamhunu.

Obenya Awurade nsam nhyira

ne bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn.

Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no te

wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn.

Mo aponkɛse, momma mo ti so;

wɔmma mo so, mo tete apon,

na Anuonyam Hene nhyɛn mu.

Hena ne saa Anuonyam Hene yi?

Ɔno ne Awurade hoɔdenfo ne otumfo no

Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo.

Momma mo ti so, mo aponkɛse

momma wɔn so, mo tete apon,

na anuonyam Hene no nkɔ mu.

Hena ne saa anuonyam Hene yi?

Asafo Awurade no,

ɔno ne anuonyam Hene no.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.