Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 146

Monkamfo Awurade.

Me kra, kamfo Awurade!

Mɛkamfo Awurade me nkwanna nyinaa;

mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn, sɛ mete ase yi.

Mommfa mo ho nto mmapɔmma so,

adesamma a wɔrentumi nnye nkwa.

Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsan kɔ dɔte mu,

saa da no ara wɔn nsusuwii nyinaa yɛ ɔkwa.

Nhyira ne nea ne boafo ne Yakob Nyankopɔn,

nea nʼanidaso wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.

Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo,

po ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa

Awurade a ɔyɛ nokwafo daa no.

Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,

na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.

Awurade gyaa nneduafo,

Awurade ma anifuraefo hu ade.

Awurade ma wɔn a wɔakom no so,

Awurade dɔ atreneefo.

Awurade hwɛ ahɔho so,

na ɔwowaw ayisaa ne akunafo,

na amumɔyɛfo akwan de, ɔdan ani.

Awurade di hene daa daa,

Ao, Sion, wo Nyankopɔn, wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.

Monkamfo Awurade.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.