Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 138

Dawid de.

Awurade, mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ;

mɛto wʼayeyi dwom wɔ “anyame” no anim.

Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wo

na makamfo wo din

wɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti,

efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye;

ama asen wo titiriwyɛ.

Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so;

woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ.

Awurade, sɛ ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a,

ma wɔnkamfo wo.

Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,

na Awurade anuonyam yɛ kɛse.

Ɛwɔ mu sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo,

na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.

Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de,

nanso wobɔ me nkwa ho ban;

woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so,

na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

Awurade bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu;

Awurade, wʼadɔe wɔ hɔ daa,

nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.