Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 132

Ɔsoroforo dwom.

Awurade kae Dawid

ne ɔhaw ahorow a ogyinaa ano no.

Ɔkaa Awurade ntam,

na ɔhyɛɛ nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob no bɔ se,

“Merenhyɛn me fi

na merenkɔda me mpa so,

meremma nna mmfa me

na meremma mʼani nkum,

kosi sɛ menya baabi ama Awurade,

baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena.”

Yɛtee wɔ Efrata,

yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuw so.

“Momma yɛnkɔ nʼatenae;

momma yɛnsom wɔ ne nan ntiaso hɔ.

‘Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,

wo ne wo tumi adaka no.

Ma trenee nyɛ sɛ ntade mma wʼasɔfo;

ma wʼahotefo nto ahurusi nnwom.’ ”

Wo somfo Dawid nti,

nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.

Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,

nokware ntam a ɔntwe nsan se,

“Wʼasefo no mu baako

na mede no bɛtena wʼahengua so.

Sɛ wo mmabarima di mʼapam so

na wotie me nkyerɛkyerɛ a,

ɛno de wɔn mmabarima bɛtena

wʼahengua so afebɔɔ.”

Awurade ayi Sion,

ɔde hɔ ayɛ nʼatenae:

“Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;

ɛha na mɛtena adi hene, efisɛ ha na mepɛ,

mede nneɛma pa bebree behyira no

na mama nʼahiafo adidi amee.

Mede nkwagye befura nʼasɔfo,

na nʼahotewfo ato ahurusi nnwom daa.

“Mɛma obirɛmpɔn bi apue wɔ Dawid ahenni mu,

na mede kanea asi hɔ ama nea masra no ngo no.

Mede aniwu befura nʼatamfo,

nanso wɔbɛhyɛ no ahenkyɛw a ɛhyerɛn.”

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.