Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 12

Dawid dwom.

Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa;

nokwafo ayera wɔ nnipa mu.

Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko;

wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

Ma Awurade ntwa nnaadaa ano

ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;

nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim;

yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”

“Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni

ne ohiani apinisi no nti,

mɛsɔre afei,” Awurade na ose.

“Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”

Awurade asɛm yɛ nokware

te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu,

na wɔahoa ho mpɛn ason.

Awurade, wobɛkora mmɔborɔni

na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.

Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ,

bere a adesamma de nidi ma afide.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.