Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 113

Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no,

monkamfo Awurade din.

Momma wɔnkamfo Awurade din,

mprempren ne daa nyinaa.

Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ,

ma wɔnkamfo Awurade din.

Wɔama Awurade so aman nyinaa so,

nʼanuonyam tra ɔsorosoro.

Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn,

Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro,

ɔno na ɔbɔ ne mu ase

hwɛ ɔsorosoro ne asase?

Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu

na ɔma onnibi so fi nso siw so;

ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,

wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu.

Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi

sɛ ɔbeatan a nʼani gye.

Monkamfo Awurade.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.