Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hiob 4

Elifas Mmuae A Edi Kan

Na Temanni Elifas buaa Hiob se,

“Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboase ana?

Hena na wobetumi aka nʼano ato mu?

Dwene sɛnea wakyerɛkyerɛ nnipa bebree,

sɛnea woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛw no den.

Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔahintiw no den;

woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛw mu den.

Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu;

adwira wo, na wo werɛ ahow.

So ɛnsɛ sɛ wo nyamesuro yɛ wʼahotoso

na wʼakwan a ɛho nni asɛm no yɛ wʼanidaso ana?

“Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn ana?

Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ?

Sɛnea mahu no, wɔn a wofuntum bɔne

ne wɔn a wodua ɔhaw no twa so aba.

Onyankopɔn home ano, wɔsɛe;

nʼabufuw turuw a wɔyera.

Gyata betumi abobɔ mu na wɔaworo so,

nanso wɔabubu gyata akɛse no se.

Gyata annya hanam a owu,

na gyatabere mma no bɔ hwete.

“Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ me

na mʼaso tee no sɛ asomsɛm.

Wɔ anadwo daeso basabasa mu,

bere a nnipa adeda nnahɔɔ no,

ehu ne nketenkete kyeree me

ɛmaa me nnompe nyinaa wosowee.

Honhom bi twaa mʼani so,

na me ho nwi sɔre gyinae.

Egyinae,

nanso, manhu nʼabɔsu.

Biribi begyinaa mʼanim,

na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa se,

‘Onipa desani betumi ateɛ asen Onyankopɔn?

Na mpo ɔhoɔdenfo betumi ayɛ kronkron asen ne Yɛfo ana?

Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfo so,

sɛ ɔka nʼabɔfo mfomso kyerɛ wɔn a,

na nkantom wɔn a wɔtete dɔte afi mu,

wɔn a wɔn fapem sisi mfutuma mu

na wɔdwerɛw wɔn ntɛm so sen abubummaba!

Efi anɔpahema kosi anwummere wobubu wɔn mu nketenkete;

na wɔyera korakora a obiara nhu wɔn bio.

So wommiamia wɔn ntamadan ahama mu,

a ɛno nti wowuwu a wonni nyansa ana?’

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.