Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hiob 16

Hiob Mmuae

Afei Hiob buae se,

“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ eyinom;

na mo nyinaa moyɛ ogyamserewfo!

So mo kasa tenten no remma awiei ana?

Dɛn na ɛhaw mo nti a mugu so regye akyinnye yi?

Anka me nso metumi akasa sɛ mo,

sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,

anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo

na mabu mo animtiaa.

Nanso anka mɛhyɛ mo den;

anka awerɛkyekye nsɛm a ebefi mʼanom no bɛma mo ahotɔ.

“Nanso sɛ mekasa a ɔyaw a mete no remmrɛ ase;

na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.

Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ

woasɛe me fi pasaa.

Woakyekyere me, ama abɛyɛ adansedi;

me so tew ara na ɛtew na edi adanse tia me.

Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw mu

na ɔtwɛre ne se gu me so;

nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.

Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;

wɔbɔ me sotɔre de bu me animtiaa

na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.

Onyankopɔn de me ama abɔnefo

watow me ato amumɔyɛfo nsam.

Na biribiara kɔ yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me;

osoo me kɔn mu, tow me hwee hɔ.

Ɔde me asi nʼani so;

nʼagyantowfo atwa me ho ahyia,

ohwirew mʼasaabo mu a wanhu me mmɔbɔ

maa me bɔnwoma petee fam.

Ɔba me so bere biara;

na ɔtow hyɛ me so sɛ ɔkofo.

“Mapam atweaatam akata me were so

na masie mʼanintɔn wɔ mfutuma mu.

Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;

sunsuma kabii atwa mʼani ho ahyia,

nanso me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara

na me mpaebɔ yɛ kann.

“Asase, nkata me mogya so;

na mma me sufrɛ to ntwa da!

Mprempren mpo, me danseni wɔ ɔsoro;

me kamafo wɔ soro hɔ.

Me dimafo yɛ mʼadamfo

bere a mʼaniwa tew nisu gu Onyankopɔn so yi;

ogyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim

sɛnea obi di ma nʼadamfo no.

“Mfe kakraa bi akyi

ansa na metu kwan akɔ koransan.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.