Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hiob 11

Sofar Mmuae A Edi Kan

Na Naamani Sofar buae se,

“Ɛnsɛ sɛ woyi saa nsɛm yi ano ana?

Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔkasafo yi bem ana?

Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm ana?

Sɛ wudi fɛw a obiara nka wʼanim ana?

Woka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Me gyidi ho nni asɛm

na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’

Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa,

anka ɔnkasa ntia wo

na ommue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo,

efisɛ nyansa turodoo yɛ afanu.

Hu sɛ Onyankopɔn werɛ afi wo bɔne no bi mpo.

“Wubetumi ate Onyankopɔn anwonwade ase ana?

Wubetumi abɔre ahu nea Otumfo no tumi kɔpem ana?

Ɛkorɔn sen ɔsoro, dɛn na wubetumi ayɛ?

Emu dɔ sen ɔda ase tɔnn, dɛn na wubetumi ahu?

Ne nsusuwii mu ware sen asase

na ɛtrɛw sen po.

“Sɛ ɔba de wo bɛto afiase

ansa na osi nkongua a, hena na obetumi asiw no kwan?

Ampa ara ohu nnipa nnaadaafo;

na sɛ ohu bɔne a, ɔnhyɛ ne nsow ana?

Nanso ogyimifo rentumi nyɛ onyansafo da

na wɔawo afurum ba sɛ onipa.

“Na sɛ wode wo koma ma no

na wopagyaw wo nsa kyerɛ no,

sɛ wugyaa bɔne a wukura no mu

na woamma amumɔyɛ antena wo ntamadan mu a

ɛno de, bɔne nni wo ho, wobɛma wo ti so;

wubegyina pintinn a worensuro.

Wo werɛ befi wʼahokyere,

na wɔbɛkae no sɛ nsu a asen kɔ.

Abrabɔ bɛhyerɛn asen owigyinae,

na sum bɛyɛ sɛ adekyee hann.

Wubenya bammɔ, efisɛ anidaso wɔ hɔ;

wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoe mu.

Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo,

na bebree bɛhwehwɛ mmoa afi wo nkyɛn.

Amumɔyɛfo ani befura,

wɔrentumi nguan;

na wɔn anidaso bɛdan owu ahomegu.”

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.