Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Ɛsra 2
Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,1 Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:
Dodow a wɔyɛ
Paros asefo
2,172
Sefatia asefo
372
Arah asefo
775
Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo)
2,812
Elam asefo
1,254
Satu asefo
945
Sakai asefo dodow yɛ
760
Bani asefo dodow yɛ
642
Bebai asefo dodow yɛ
623
Asgad asefo dodow yɛ
1,222
Adonikam asefo dodow yɛ
666
Bigwai asefo dodow yɛ
2,056
Adin asefo dodow yɛ
454
Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ
98
Besai asefo dodow yɛ
323
Yora asefo dodow yɛ
112
Hasum asefo dodow yɛ
223
Gibar asefo dodow yɛ
95
Betlehemfo dodow yɛ
123
Netofafo dodow yɛ
56
Anatotfo dodow yɛ
128
Asmawetfo dodow yɛ
42
Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ
743
Ramafo ne Gebafo dodow yɛ
621
Mikmasfo dodow yɛ
122
Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ
223
Nebo ɔmanmma dodow yɛ
52
Magbis ɔman dodow yɛ
156
Elam ɔmanmma dodow yɛ
1,254
Harim ɔmanmma dodow yɛ
320
Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ
725
Yeriko ɔmanmma dodow yɛ
345
Senaa ɔmanmma dodow yɛ
3,630
Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:
Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ
973
Imer asefo dodow yɛ
1,052
Pashur asefo dodow yɛ
1,247
Harim asefo dodow yɛ
1,017
Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:
Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ
74
Nnwontofo:
Asaf2 asefo mu nnwontofo dodow yɛ
128
Aponanohwɛfo:3
Salum, Ater, Talmon asefo
Akub, Hatita ne Sobai asefo
139
Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae:
Siha, Hasufa, Tabaot,
Keros, Siaha, Padon,
Lebana, Hagaba, Akub,
Hagab, Samlai, Hanan,
Gidel, Gahar, Reaia,
Resin, Nekoda, Gasam,
Usa, Paseah, Besai,
Asna, Meunim, Nefisi,
Bakbuk, Hakufa, Harhur,
Baslut, Mehida, Harsa,
Barkos, Sisera, Tema,
Nesia ne Hatifa.
Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae:
Sotai, Hasoferet, Peruda,
Yaala, Darkon, Gidel,
Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami.
Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ
362
Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo.
Saa nnipakuw yi ne:
Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ
652
Asɔfo mmusua abiɛsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo4 ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea. Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245), yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.
Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ. Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.
Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.
Source notes (4)
- Footnote Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔkyerɛw Nehemia Nhoma no.
- Footnote Na Asaf yɛ Lewifo no mu baako a Dawid yii no ma ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so.
- Footnote Na aponanohwɛfo no yɛ Lewifo a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.
- Footnote Lewifo nnwontofo no akyi no na nnwontofo foforo bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, aware ne ayi ase.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.