Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Mmɛbusɛm 7
Ɔbaawaresɛefoɔ Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, fa me nsɛm sie
na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.
Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa;
bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.
Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;
twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.
Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,”
na frɛ nteaseɛ wo busuani;
Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho,
afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.
Me fie mpomma ano
mede mʼani faa ntokua mu.
Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu,
mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso,
ɔbabunu a ɔnni adwene.
Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so
a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie
ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ,
na animu rebiribiri no.
Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a
wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.
(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,
ɔntena efie koraa;
ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem,
ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)
Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano
wamfɛre, na ɔkaa sɛ,
“Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie;
ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.
Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo;
mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!
Mato me mpa
mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.
Mede nnuhwam apete me mpa so:
kurobo, pɛperɛ ne sinamon.
Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;
Me kunu nni efie;
watu kwan na ɔbɛkyɛre.
Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma
na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”
Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn;
ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.
Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ
te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ,
anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu
kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu,
te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu
na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
Na afei, me mma, montie me;
monyɛ aso mma deɛ meka.
Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so
na mommane mfa nʼakwan so.
Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase;
wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a
ɛkɔ owuo mpia mu.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.