Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Mmɛbusɛm 27

Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,

na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba.

Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa;

ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo.

Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea yɛ adesoa,

nanso ɔkwasea abufuhyeɛ yɛ duru sene emu biara.

Abufuo tirim yɛ den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ,

na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano?

Animka a ɛda edwa

yɛ sene ɔdɔ a asuma.

Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ

sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.

Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ,

nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ.

Onipa a wayera ne fie ɛkwan,

te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.

Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye,

adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.

Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,

nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,

na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.

Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;

ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.

Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta,

nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.

Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu;

sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a,

wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.

Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ

osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da;

sɛ wopata no a, ɛte sɛ deɛ wopata mframa

anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu.

Dadeɛ se dadeɛ,

saa ara na onipa se ɔfoforɔ.

Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba,

na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.

Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no,

saa ara na onipa akoma da onipa no adi.

Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no,

saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.

Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ,

nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.

Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu,

sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a,

worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.

Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea,

na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;

ɛfiri sɛ, ahonya ntena hɔ daa,

na ahenkyɛ ntena hɔ mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.

Sɛ wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri

na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a,

ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma,

na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo.

Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree

ama wo ne wʼabusuafoɔ adi

ne aduane ama wo mmaawa.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.