Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Mmɛbusɛm 21

Ɔhene akoma da Awurade nsam;

ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so,

nanso Awurade na ɔkari akoma.

Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a

ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.

Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma,

ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne!

Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba

sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.

Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no

yɛ huhuro ne owuo afidie.

Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,

ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.

Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye,

na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.

Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena

yɛ sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne;

ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.

Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa,

sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.

Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso wɔ omumuyɛfoɔ fie

na ɔde omumuyɛfoɔ no kɔ ɔsɛeɛ mu.

Sɛ onipa sisi nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a

ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.

Kokoam adekyɛ dwodwo akoma,

kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ.

Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye

nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ.

Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no

bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.

Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani;

deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da.

Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ,

na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.

Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so,

sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.

Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma,

nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.

Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no

ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.

Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so

na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam.

Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no

ɔtwe ne ho firi amanenya ho.

Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛdifoɔ”

ɔde ahantan ntrasoɔ yɛ adeɛ.

Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no,

ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.

Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree,

nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho.

Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ,

ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.

Adansekurumdini bɛyera,

na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no.

Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm

na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.

Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a

ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.

Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da,

nanso nkonimdie yɛ Awurade dea.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.